Lyrics
Akokoa Lyrics by Safo Newman
Dive into the official lyrics of “Akokoa,” the chart-topping song by Safo Newman, the emerging sensation from Ghana.
Anɔpa
Obɛko asɔredanm’, na wato dwom
Holy, Holy
Eye moma
Fa bo fam hɔ
Akyiriwia (tie), Masalakyi
Akokoa, me home rete
Ofrɛ me sɛ, “Kwakye, bankye”
Ne ba barima deɛ, ɛyɛ Sweetie
Ompɛ m’asɛm da, kankabi
Nsuo ankorɛ mmiɛnsa, meretwe
Efii a ɛwɔ fam, meretwitwi
Ɛnneɛma adeɛ ma, merebɛsi
Memposa nwieeɛ a, mennidi
Daabi o
Nsonsonoeɛ wɔ mu
Deɛ ɔyɛ me no, ɔnyɛ Joe Boy saa
Ogyegye no so mmoroso mmoroso
Ɔno deɛ, ne ba aah
Adeɛ a merehunu no, ɛnyɛ me nko
Ɛrekɔso mmea-mmea
Som Nyame
Nso ne dɔ ntra ne yam mma
Daabi o
Anɔpa
Obɛko asoredanm’, na wato dwom
“Holy, Holy” (Praise Him!)
Ɛyɛ moma
Fa bo fam ho
Akyiriwia, Masalakyi (Alhamdulillah)
Oregu nsa
Nananom Bosom, fufu to ɛmma no nni (wiɛw!)
Owie a
Obɛba fie, na wabɛyɛ me sɛ tosa
Anɔpa (Nyamesomfoo, montie me o)
Obɛko asoredanm’, na wato dwom
“Holy, Holy”
Ɛyɛ moma (mfa ɔtan mmu dɔ, dɔ dasani o)
Fa bo fam ho
Akyiriwia, Masalakyi
Oregu nsa (na Nyame a Owɔ soro hɔ yi, yɛnhu No o)
Nananom Bosom, fufu to ɛmma no nni
Owie a (ɛmma no nyɛ wo yam ba-)
Obɛba fie, na wabɛyɛ me sɛ tosa
Oh-oh
Oh, oh-oh
Oh-oh
Nkyerɛ me sɛ ɔrehyɛ me den
Nokware wɔ hɔ, ntoto no ase
Deɛ ɔde me reyɛ yi deɛ, ɛyɛ nkoasom
Deɛ worekeka yi yɛ mmuammuaso
Me ntaadeɛ, ɛfa atete
Baabi a meda, ɛhɔ awewe
Ose, “Wompɛ deaa da abɔnten”
Nso nye se ebi a meyee asooden
Daabi o
Nsonsonoeɛ wɔ mu
Dee oye me no, onye Joe Boy saa
Ogyegye no so mmoroso mmoroso
Ono dee, ne ba aah
Adeɛ a merehunu no, enye me nko
Erekɔso mmea-mmea
Som Nyame
Nso ne dɔ ntra ne yam mma
Daabi o
Me maame, Maame Dora, frɛ no a
Na waka sɛ, me na memmu adeɛ
Me nana, Kwakye Barima, deɛ, otu fo o
Ose mete ne nkyɛn nti
‘Yɛ a menya abotare
Pam, pam, pa-nah
Pam, pam, pa-nah
Meyɛ akwadaa nti, boo, mɛyɛ no deɛn?
Pam, pam, pa-nah (uu-oo, oh)
Pam, pam, pa-nah (oh)
Meyɛ akwadaa nti, boo, mɛyɛ no deɛn?
Anɔpa
Obɛko asɔredanm’, na wato dwom
“Holy, Holy” (Praise Him!)
Ɛyɛ moma
Fa bɔ fam ho
Akyiriwia, Masalakyi (Alhamdulillah)
Oregu nsa
Nananom Bosom, fufu tɔ ɛmma no nni (wiɛw!)
Owie a
Obɛba fie, na wabɛyɛ me sɛ tosa
Anɔpa (Nyamesomfoɔ, montie me o)
Ɔbɛkɔ asɔredanm’, na wato dwom
Holy, Holy
Ɛyɛ moma (mfa otan mmu do, do dasani o)
Fa bɔ fam ho
Akyiriwia, Masalakyi
Oregu nsa (na Nyame a owo soro hɔ yi, yɛnhu No o)
Nananom Bosom, fufu to ɛmma no nni
Owie a (ɛmma no nyɛ wo yam ba-)
Ɔbɛba fie, na wabɛyɛ me sɛ tosa
Nyamesomfoɔ, montie me o
Mfa ɔtan mmu dɔ, dɔ dasani o
Na Nyame a Owo soro ho yi, yɛnhunu No o
Ɛmma no nyɛ wo yam ba anaa odo foforo o
Check Other Latest Song Lyrics Here
-
Sports4 days ago
Grief in Portugal as Diogo Jota and Brother André Are Laid to Rest After Fatal Crash
-
Sports4 days ago
Mohamed Salah Admits Fear of Returning to Liverpool After Jota’s Tragic Death
-
Politics4 days ago
Sowore Rejects Coalition with Political Elites: “Peter Obi Is Not My Ideal Philosopher”
-
Entertainment3 days ago
Pa James Defends Iyabo Ojo, Expresses Joy Over Reconciliation Among Nollywood Stars
-
Sports3 days ago
Awoniyi’s Nottingham Forest Future in Doubt Following Igor Jesus Arrival